Jeremiah 28

Odiyifo Torofo Hanania

1Ɔsram a ɛto so anum wɔ afe koro a ɛyɛ Yudahene Sedekia adedi mfiase, afe a ɛto so anan no mu, odiyifo Hanania a ɔyɛ Asur a ofi Gibeon babarima no ka kyerɛɛ me wɔ Awurade fi bere a na asɔfo ne nnipa no nyinaa ahyia no se, 2“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se: ‘Mebubu Babiloniahene konnua no. 3Mfe abien mu no, mede Awurade fi mu nneɛma a Babiloniahene Nebukadnessar bɛfa fii ha kɔɔ Babilonia no nyinaa bɛsan aba. 4Na mɛsan de Yehoiakyin a ɔyɛ Yudahene Yehoiakim babarima ne Yuda nnommum a wɔkɔɔ Babilonia no nyinaa aba’ sɛɛ na Awurade se, ‘na mebubu Babiloniahene konnua no.’ ”

5Na odiyifo Yeremia buaa odiyifo Hanania wɔ asɔfo ne nnipa a na wogyinagyina Awurade fi no nyinaa anim. 6Ɔkae se, “Amen! Ma Awurade nyɛ no saa! Ma Awurade mma wo nkɔm a woahyɛ sɛ wɔde Awurade fi nneɛma no nyinaa ne nnommum no befi Babilonia asan aba ha yi no mmra mu. 7Nanso tie asɛm a ɛsɛ sɛ meka ma wote na nnipa no nyinaa nso te: 8Efi tete no, adiyifo a wodii mʼanim ne wʼanim no hyehyɛɛ ɔko, amanehunu ne ɔyaredɔm ho nkɔm tiaa aman bebree ne ahenni akɛse. 9Nanso odiyifo a ɔhyɛ asomdwoe ho nkɔm no, sɛ ne nkɔmhyɛ no ba mu a wobegye no ato mu sɛ obi a ampa ara Awurade asoma no.”

10Na odiyifo Hanania yii konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu, bubuu mu, 11na ɔkaa wɔ nnipa no nyinaa anim se, “Sɛɛ na Awurade se: ‘Saa ara na mebubu Babiloniahene Nebukadnessar konnua no afi amanaman nyinaa kɔn mu wɔ mfe abien mu.’ ” Odiyifo Yeremia tee eyi no ofii hɔ kɔe.

12Odiyifo Hanania bubuu konnua no fii odiyifo Yeremia kɔn mu akyi no, Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se: 13“Kɔ na kɔka kyerɛ Hanania se, ‘Sɛɛ na Awurade se: Woabubu dua konnua mu, nanso mede dade konnua besi anan mu. 14Na sɛnea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: Mede dade konnua bɛto amanaman nyinaa kɔn mu, ama wɔn asom Babiloniahene Nebukadnessar, na wɔbɛsom no. Na mpo mɛma no adi wuram mmoa so.’ ”

15Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania se, “Tie, Hanania! Awurade nsomaa wo, nanso, woama ɔman yi agye atoro ato mu. 16Ɛno nti, sɛ Awurade se ni: ‘Merebeyi wo afi asase so. Afe yi mu ara wubewu, efisɛ woaka atuatew nsɛm atia Awurade.’ ”

17Ɔsram a ɛto so ason wɔ afe no ara mu no, odiyifo Hanania wui.
Copyright information for TwiAKNA